Nairobi kurokɛseɛ a adaagyeɛ nnim no fa baabi, na mmarimaa kuo bi a wɔnni ahwɛfoɔ de ayɛ wɔn atenaeɛ. Wɔn deɛ, sɛdeɛ ɛda biara de bɛba no wɔfa no saa ara. Dakoro anɔpa bi, mmarimaa yi sɔre firii awɔ no mu bobɔɔ wɔn akɛtɛ firii ɛkwan ho. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho awɔ betu enti wɔde ewira sɔɔ egya ano toeɛ. Magozwe ka saa mmaarimaa kuo yi ho. Ɔno ne akumaa koraa wɔ wɔn mu.
En la ajetreada ciudad de Nairobi, lejos de la apacible vida hogareña, vivía un grupo de jóvenes mendigos. Vivían el día a día como si no hubiera futuro. Una mañana, los chicos estaban empacando sus mantas después de dormir en la fría calle. Prendieron una fogata con basura para espantar el frío. Uno de los jóvenes del grupo era Magozwe. Era el más joven.
Ɛberɛ a Magozwe awofoɔ wuiɛ no, na wadi mfeɛ nnum pɛ. Ɔkɔtenaa ne wɔfa nkyɛn. Saa panin yi anhwɛ abofra no yie. Wamma Magozwe aduane anni amee. Ɔmaa no yɛɛ adwumaden ahodoɔ pii.
Cuando los padres de Magozwe murieron, él sólo tenía cinco años de edad. Se fue a vivir con su tío. Pero Magozwe no le importaba a ese hombre. No le daba suficiente comida. Y lo hacía trabajar muy duro.
Sɛ Magozwe nwinwii anaa ɔbisa asɛm bi a, ne wɔfa no aboro no. Sɛ Magozwe bisa sɛ ɔbɛtumi akɔ sukuu a, ne wɔfa no boro no sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Wagyimi dodo sɛ ɔbɛsua adeɛ.” Mfeɛ mmiɛsa ateetee yi akyi no, Magozwe dwane firii ne wɔfa nkyɛn kɔtenaa abɔnten so bɔɔ ne bra.
Si Magozwe se quejaba o hacía preguntas, su tío le daba una golpiza. Cuando Magozwe le preguntó si podía ir a la escuela, su tío lo golpeó y le dijo, “eres demasiado estúpido para aprender”. Después de tres años de vivir así, Magozwe se escapó de la casa de su tío. Empezó a vivir en la calle.
Na abɔnten so tena abrabɔ yɛ den enti, dabiara mmarimaa no mu fa kɛseɛ no ara brɛ ansa na wɔanya wɔn ano aduane adi. Ɛtɔ ɛberɛ bi a wɔkye wɔn, ɛtɔ berɛ bi nso a wɔboro wɔn. Sɛ wɔyare a, wɔnni obiara a ɔbɛboa wɔn. Ɛkuo yi de wɔn ho to wɔn sika ketewaa bi a wɔnya firii deɛ wɔserɛserɛ, deɛ wɔnya firi rɔba a wɔtontɔn ɛnne nneɛma dada a wɔtumi dane ani yɛ no foforo a wɔtɔn no mu. Adeɛ a ɛsan ma abrabɔ no mu yɛ den paa ne sɛ, akuoakuo foforɔ bi a ɔpɛsɛ ɔgye kurokɛseɛ no afa baabi bɔso no tumi bɛne wɔn ko ntɔkwa.
La vida en la calle era difícil y muchos de los niños tenían dificultades para conseguir comida día a día. Algunas veces los arrestaban, otras veces les daban golpizas. Cuando se enfermaban, no tenían quién los ayudara. El grupo de jóvenes dependía de lo poco que recibían mendigando, de la venta de plásticos y del reciclaje. La vida era aun más difícil por las peleas con grupos rivales que querían tener el control de ciertas partes de la ciudad.
Dakoro bi a Magozwe rehwehwɛ sumina nkyɛnsee mu no, ɔhuu abasɛm nwoma dada bi a atete. Ɔpepaa efi no firii ho de hyɛɛ ne kotokuo mu. Ɛberɛ ne aberɛ biara ɔyi nwoma no hwɛ mfoni a ɛwɔ mu. Ɔnnim sɛdeɛ yɛkenkan nsɛm a ɛwɔ mu no.
Un día, Magozwe estaba escarbando los basureros y encontró un libro de cuentos viejo y destrozado. Le quitó el polvo y lo guardó en su bolsa. Todos los días, sacaba el libro y miraba las ilustraciones. Pero no sabía cómo leer las palabras.
Mfoni no ka abarimaa bi a ɔnyini bɛyɛɛ wiemhyɛnkafoɔ ho asɛm. Ɛyɛ Magozwe adaeɛsoɔ sɛ anka ɔbɛyɛ wiemhyɛnkafoɔ. Ɛtɔ dabi a, na n’adwen yɛ no sɛ anka ɔno ne abarimaa a ɔwɔ abasɛm no mu.
Las ilustraciones contaban la historia de un chico que creció y se convirtió en piloto. Magozwe fantaseaba con ser piloto. A veces, se imaginaba que él era el chico de la historia.
Da bi na awɔ wɔ mu na Magozwe gyina ɛkwan ho reserɛ adeɛ no, Ɔbarima bi kɔɔ ne nkyɛn. Ɔbarima no kaa sɛ, “Yɛfrɛ me Thomas. M’adwuma bɛn ha, baabi a wobɛnya biribi adi.” Ɔde ne nsa kyerɛɛ ɛdan bi a ɛyɛ akokɔsradeɛ na ne nkyɛnsee a ɛbɔ so no yɛ bluu. Ɔbisaeɛ sɛ, “Megyidi sɛ wobɛkɔ hɔ akɔpɛ aduane bi adi anaa?” Magozwe hwɛɛ ɔbarima no, ɛnna ɔsane hwɛɛ ɛdan no. Ɔkaeɛ sɛ, “Ebia,” ɛnna ɔgyaa hɔ kɔeɛ.
Hacía frío y Magozwe estaba mendigando en la calle. Un hombre se le acercó. “Hola, soy Thomas. Trabajo cerca de aquí, en un lugar donde podemos darte comida,” dijo el hombre. Apuntaba hacia una casa amarilla con techo azul. “Ojalá vayas pronto a buscar comida” le dijo. Magozwe miró al hombre, y después miró la casa. “Quizá”, dijo, y se fue.
Abosome bi akyi no, Thomas anim kokwaa mmarimaa no a ɛnni atenaeɛ no. N’ani gye ho sɛ ɔne nnipa kasa, ne titire ne wɔn a wɔtete abɔten so. Thomas tiee nkorɔfoɔ abrabɔ mu abasɛm. Ɔyɛ obi a ɔmfa biribiara nni agorɔ na ɔwɔ abotrɛ nso, ɔnyɛ ahomasoɔ anaa obi a ɔmmu adeɛ. Mmarimaa no bi hyɛɛ aseɛ kɔɔ ɛfie a ɛyɛ akokɔsradeɛ ne bluu no mu kɔgye aduane awia nnɔndummienu berɛ mu.
Con el paso de los meses, los jóvenes mendigos se acostumbraron a la presencia de Thomas. Él disfrutaba hablar con la gente, especialmente con los mendigos. Thomas escuchaba las historias de sus vidas. Era serio y paciente, y nunca maleducado ni irrespetuoso. Algunos de los chicos empezaron a ir a la casa amarilla y azul a buscar comida al mediodía.
Na Magozwe te anamonkwan bi a yɛde aboɔ ayɛ no mu rehwɛ ne mfoni nwoma no mu ɛna Thomas bɛtenaa ne nkyɛn. Thomas bisaeɛ sɛ, “Abasɛm no fa ɛdeɛn ho?” Magozwe buaeɛ sɛ, “Ɛfa abarimaa bi a ɔpɛsɛ ɔbɛyɛ wiemhyenkafoɔ ho asɛm.” Thomas bisaeɛ sɛ, “Abarimaa no din de sɛn?” Magozwe buaeɛ bɔkɔɔ sɛ, “Mennim, mentumi nkenkan.”
Magozwe estaba sentado en la calle mirando su libro cuando Thomas vino y se sentó a su lado. “¿De qué trata la historia?” preguntó Thomas. “Trata sobre un chico que se convierte en piloto,” respondió Magozwe. “¿Cómo se llama el niño?” preguntó Thomas. “No sé porque no sé leer,” dijo Magozwe en voz baja.
Ɛbere a wɔhyiaeɛ no, Magozwe hyɛɛ aseɛ kaa n’abrabɔ mu nsɛm kyerɛɛ Thomas. Asɛm no fa ɔne ne wɔfa asetena ne deɛ ɛyɛɛ a ɔdwane firii ne nkyɛn. Thomas ankasa bebree, ɛnna wankyerɛ Magozwe nso deɛ ɔnyɛ nanso ɔyɛɛ diin tiee no aberɛ biara. Ɛtɔ ɛberɛ bi na sɛ wɔredidi wɔ efie a ne nkurusoɔ yɛ bluu no mu a wɔdi nkɔmmɔ.
Cuando volvieron a reunirse, Magozwe le relató la historia de su vida a Thomas. Le habló de su tío y de por qué huyó de esa casa. Thomas no hablaba mucho, y no le decía a Magozwe qué hacer, pero siempre le escuchaba con atención. Algunas veces conversaban mientras comían en la casa del techo azul.
Magozwe mfeɛ du awoda bere mu no, Thomas maa no abasɛm nwoma foforɔ. Ɛfa okuraseni abarimaa bi a onyini bɛgyee din wɔ bɔɔlobɔ mu. Thomas kenkanee abasɛm no kyerɛɛ Magozwe mpɛn pii kɔsii sɛ dakoro bi ɔkaa sɛ, “Medwen sɛ ɛberɛ aso sɛ wokɔ sukuu kosua sɛdeɛ yɛkenkan. Wodwene ho sɛn?” Thomas kyerɛɛ mu sɛ, ɔnim baabi a mmofra bɛtumi atena akɔ sukuu.
Cuando Magozwe cumplió alrededor de diez años, Thomas le regaló un nuevo libro de cuentos. Era la historia de un niño de una aldea que creció y se convirtió en un famoso jugador de fútbol. Thomas le leyó esa historia a Magozwe en muchas ocasiones, hasta que un día le dijo, “Creo que ya es tiempo que vayas a la escuela y aprendas a leer. ¿Qué te parece?” Thomas le explicó que conocía un lugar donde los niños podían vivir e ir a la escuela.
Magozwe dwenee baabi foforɔ a ɔrekɔtena ɛnne sukuu a ɔrebɛkɔ no ho. Na sɛ deɛ ne wɔfa kaeɛ no sɛ ɔyɛ gyimifoɔ sɛ ɔbɛsua adeɛ no yɛ ampa ɛ? Na sɛ wɔboro no baabi foforɔ hɔ ɛ? Ehu kaa no. Ɔdwenee ho sɛ, “Ɛbia na ɛyɛ sɛ metena abɔnten ha ara.”
Magozwe pensó en este nuevo lugar y en ir a la escuela. Pero, ¿y si su tío tenía razón y era demasiado estúpido para aprender? ¿Y si volvían a darle golpizas en este nuevo lugar? Magozwe sintió miedo. “Quizá sea mejor seguir viviendo en la calle,” pensó.
Ɔkaa ehu a abɔ no no kyerɛɛ Thomas. Aberɛ biara ɔbarima no kɔso hyɛ no nkurane sɛ baabi foforɔ hɔ abrabɔ bɛtumi ayɛ papa.
Magozwe le habló de sus miedos a Thomas. Con el paso del tiempo, Thomas pudo asegurarle al chico que su vida iba a ser mejor en ese nuevo lugar.
Ɛno nti Magozwe tu kɔtenaa ɛfie a ne mmɔsoɔ yɛ ahabanmono no mu. Ɔne mmarimaa baanu na ɛte ɛdan no mu. Mmofra dodo a ɛte efie no mu nyinaa yɛ edu. Ante Sisi ne ne kunu, nkraman mmiensa, ɔkra, ne apɔnkye a wanyini nso wɔ efie hɔ bi.
Y así fue como Magozwe se fue a vivir a una habitación en una casa con techo verde. Compartía su habitación con otros dos chicos. Había un total de diez chicos viviendo en esa casa. Vivían junto a la tía Cissy y su esposo, tres perros, un gato y una vieja cabra.
Magozwe hyɛɛ sukuu aseɛ no na ɛyɛ den ma no. Ɔwɔ nnoɔma pii sua kosi sɛ ɔbɛtumi ne adadafoɔ no ayɛ pɛ. Ɛtɔ dabi a na n’abamu pɛsɛ ɛbu. Nanso ɛyɛ a na w’adwene ewiemhyɛnkafoɔ ɛne bɔɔlɔbɔni no a abasɛm nnwoma no ka wɔn ho nsɛm no. Wɔn nti, wamma n’abamu ammu.
Magozwe empezó a ir a la escuela y fue difícil. Tenía mucho con qué ponerse al día. Muchas veces quiso rendirse. Pero pensaba en el piloto y en el jugador de fútbol de los libros. Al igual que ellos, Magozwe no se rindió.
Na Magozwe te ɛfie a ne mmɔsoɔ yɛ ahabanmono adihɔ rekenkan abasɛm nwoma a ɔde firii sukuu baeɛ no, Thomas ba bɛtenaa ne nkyɛn. Thomas bisaeɛ sɛ, “Abasɛm nwoma no fa ɛdeɛ bɛn ho?” Magozwe buaeɛ sɛ, “Ɛfa abarimaa bi a ɔrebɛyɛ ɔkyerɛkyerɛni. Thomas bisaeɛ sɛ, “Abarimaa no din de sɛn?” Magozwe nwenwenee kaeɛ sɛ, “Ne din de Magozwe.
Magozwe estaba sentado en el patio de la casa del techo verde, leyendo un libro de cuentos de su escuela. Thomas se le acercó y se sentó junto a él. “¿De qué trata la historia?” preguntó Thomas. “Trata sobre un chico que se convierte en profesor,” respondió Magozwe. “¿Cómo se llama el chico?” preguntó Thomas. “Su nombre es Magozwe,” dijo Magozwe sonriendo.