Odongo ne Apiyo ne wɔn papa te kurokɛseɛ mu. Na wɔn anidasoɔ ne sɛ akwamma bɛduru ntɛm. Ɛnyɛ sɛ sukuu a ɛma kwan nkoaa, na mmom sra a wɔkɔsraa wɔn nanabaa. Ɔte akuraa bi a ɛbɛn ɔtadeɛ kɛseɛ bi ho.
Odongo y Apiyo vivían en la ciudad con su padre. Esperaban con ansias sus vacaciones. No sólo porque cerraban la escuela, sino porque iban a visitar a su abuela. Ella vivía en una aldea de pescadores cerca de un gran lago.
Odongo ne Apiyo ani gyee yie ɛfiri sɛ na ɛberɛ aso sɛ ɔkɔsra wɔn nanabaa bio. Anadwo no a adeɛ rebɛkye ama wɔakɔ no, wɔhyehyɛɛ wɔn nnoɔma guu baage mu yɛɛ ahoboa twɛn akurase akwantu tenten no. Anadwo mu no nyinaa wɔdii akwamma no ho nkɔmmɔ saa a wɔanna.
Odongo y Apiyo estaban emocionados con la idea de visitar de nuevo a su abuela. La noche antes del viaje, empacaron sus cosas y dejaron todo listo para irse a la aldea. No pudieron dormir y se quedaron toda la noche hablando sobre sus vacaciones.
Ɛda no anɔpatutuutu no, wɔtenaa wɔn papa kaa mu kɔɔ akuraa no ase. Wɔrekɔ no, wɔtwaa mmepɔ, mmoadoma, ɛne mfuo ho. Wɔkenkanee kaa ahoroɔ a wɔhunuiɛ san too nnwom.
Temprano a la mañana siguiente, salieron de viaje a la aldea en el auto de su padre. Pasaron por las montañas y vieron animales salvajes y plantaciones de té. Contaron autos y cantaron canciones.
Ɛyɛɛ kakra no, na mmɔfra no aberɛberɛ ɛnti wɔdedaeɛ.
Al poco tiempo, se cansaron y se quedaron dormidos.
Wɔduruu akuraa no ase no papa nyanee Odongo ne Apiyo. Wɔhunuu wɔn nanabaa Nobuntu sɛ ɔte kɛtɛ so wɔ dua bi ase regye n’ahome.
El padre despertó a Odongo y Apiyo cuando llegaron a la aldea. Se encontraron a su abuela, Nyar-Kanyada, descansando con una manta debajo de un árbol. Nyar-Kanyada significa “hija de la gente de Kanyada” en el idioma Luo. La abuela era una mujer fuerte y hermosa.
Nobuntu maa wɔn akwaaba de anigyeɛ, nnwom ne asa twaa ɛdan no mu hyiaeɛ. Ne mmanananom ani gyee sɛ wɔde wɔn akyɛdeɛ a wɔde firii kurokɛseɛ mu ama no. Odongo kaa sɛ, “Di kan bue m’akyɛdeɛ no so.” Apiyo kaa sɛ, “Daabi, bue medeɛ no so kane.”
Nyar-Kanyada les dio la bienvenida a su casa, bailando y cantando de alegría. Sus nietos estaban ansiosos por entregarle los regalos que le trajeron de la ciudad. “Abre mi regalo primero,” dijo Odongo. “¡No, mi regalo primero!” dijo Apiyo.
Nobuntu buee akyɛdeɛ no so no, ɔhyiraa ne mmanananom.
Después de abrir los regalos, Nyar-Kanyada le dio la bendición tradicional a sus nietos.
Afei Odongo ne Apiyo firii adi kɔdii agorɔ. Nobuntu ne ne ba barima dii abusua nkɔmmɔ ɛne kaseɛbɔ a ɛbɛhyiaeɛ.
Después, Odongo y Apiyo salieron a jugar. Persiguieron mariposas y aves.
Ɛduruu anwumerɛ no Odongo ne Apiyo baa fie bɛdii anwumerɛ aduane.
Escalaron árboles y chapotearon en el lago.
Wɔanwieɛ adidie mpo na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrededa!
Cuando oscureció, volvieron a la casa a cenar. ¡Se estaban quedando dormidos antes de terminar de comer!
Adeɛ kyeeɛ no, papa gyaa mmɔfra no maa Nobuntu tuu ne kaa sane kɔɔ kurokɛseɛ mu bio.
Al día siguiente, el padre de los niños se fue de vuelta a la ciudad y los dejó con Nyar-Kanyada.
Odongo ne Apiyo boaa wɔn nanabaa wɔ ɛfie adwuma. Wɔkɔɔ nsuo san kɔtwitwaa egya.
Odongo y Apiyo ayudaron a su abuela con las tareas del hogar. Fueron a buscar agua y leña. Recolectaron los huevos de las gallinas y recolectaron verduras de la huerta.
Wɔsesaa nkokɔ nkosua san tetee atosodeɛ frɔmfrɔm firii mfikyifuo no mu.
Nyar-Kanyada le enseñó a sus nietos a hacer ugali para comer con estofado. Les enseñó a hacer arroz con coco para comerlo con pescado asado.
Da koro anɔpa bi, Odongo de ne nanabaa anantwie kɔɔ adidie. Wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn yɔnko bi afuom. Okuafoɔ no bufuiiɛ. Ɔhunahunaa wɔn sɛ ɔremma anantwie no kwan ɛmma wɔnnkɔ ɛfiri sɛ wɔn abɛwe ne nnɔbaeɛ. Ɛfiri saa da no, Odongo yɛɛ n’adwen sɛ ɔremma anatwie no nkɔtɔ amaneɛ mu bio.
Una mañana, Odongo llevó a las vacas de su abuela a pastar. Pero las vacas entraron en la granja de un vecino. El vecino se enojó con Odongo. Lo amenazó con quedarse con las vacas por haberse comido sus cultivos. Después de ese día, Odongo se aseguró que las vacas no se volvieran a meter en problemas.
Ɛda foforɔ bi nso, mmɔfra no ne Nobuntu kɔɔ ɛdwam. Ɔwɔ apata a ɔtɔn atosodeɛ, asikyire ɛne samina wɔ mu. Ɛyɛ Apiyo anigyeɛ sɛ ɔbobɔ nnoɔma no boɔ kyerɛ atɔfoɔ. Odongo pɛ ne sɛ ɔbɛhyehyɛ nnoɔma a atɔfɔ no atɔ no agu adeɛ mu ama wɔn.
Otro día, los niños fueron al mercado con Nyar-Kanyada. Ella tenía un puesto para vender vegetales, azúcar y jabón. A Apiyo le gustaba decirle a los clientes cuánto costaban los productos. Odongo empacaba los productos para los clientes.
Nanso ankyɛ koraa na akwamma no baa awieɛ. Ɛsɛ sɛ mmɔfra no sankɔ kurokɛseɛ mu na wɔkɔ sukuu.
Al final del día, tomaban té juntos. Le ayudaban a su abuela a contar cuánto dinero había ganado.
Nobuntu maa Odongo ɛkyɛ ɛna ɔmaa Apiyo swoɔta. Ɔhyehyɛɛ nnuane a wɔde bɛkɔ wɔn kurom maa wɔn.
Pero las vacaciones se terminaron muy rápido y los niños tuvieron que regresar a la ciudad. Nyar-Kanyada le regaló una gorra a Odongo y un chaleco a Apiyo. Luego les empacó comida para su viaje de vuelta a casa.
Ɛberɛ a wɔn papa baa sɛ ɔrebɛfa wɔn akɔ no, wɔampɛ sɛ wɔbɛkɔ. Mmofra no paa Nobuntu kyɛw sɛ ɔne wɔn nkɔ kurokɛseɛ mu. Ɔnwenwenee kaa sɛ, “Mabɔ aberewa dodo sɛ mɛtena kurokɛseɛ mu. Na mmom mɛtena ɛha yi ara atwɛn sɛ mobɛma kwan bio na moabɛsra me.”
Cuando su padre vino a recogerlos, no querían irse. Los niños le suplicaron a Nyar-Kanyada que se fuera con ellos a la ciudad. Ella sonrió y les dijo: “Estoy muy vieja para la ciudad. Estaré esperándolos cuando vuelvan a mi aldea otra vez.”
Odongo y Apiyo le dieron un abrazo muy apretado y le dijeron adiós.